TEACHING AND LEARNING HOW TO READ AND WRITE IN TWI

Tuesday, June 8, 2010

COP BIBLE STUDY VOL 3 (LESSON 1-2)

NNAWƆTWE 1

ONYANKOPƆN SUBAN A ƐWƆ NIPA MU


(Gen: 1:26 – 27, 5:1,2)



NNIANIMU

Bible kyerεkyerε pεfee sε Onyankopɔn bɔɔ nipa ne sεso ne ne suban so. Nsεmmisa pii nso wɔ saa asεm yi ho. Nyankopɔn ho nimdeε asuafoɔ dodoɔ ho ara bisa sε Nyankopɔn suban a ɔde bɔɔ nipa no ne deεn? anaasε, kwan bεn so na nipa sε Nyankopɔn? Yeinom ne nsεmmisa a yεbεbɔ mmɔden afa adesua yi so ayi ano.



SƐ ONIPA SƐ NYANKOPƆN A, DEƐN NA ƐDA NO ADI?


· Berε a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ɔkaa sε ɔrebɔ no ne suban ne ne nsεso, nanso abɔdeε a kaa no deε, ɔkasaε ara na ne nyinaa baeε.

· Adwen a animdefoɔ kyerε no wɔ Onyankopɔn su a εda adi wɔ nnipa ho a wɔn mu dodoɔ no agye atom no bi nie.

· Agyina a nipa tumi si wɔ papayɔ ne bɔne-yɔ ho: onipa biara tumi fa dwene sε ɔbεyε papa anaasε bɔne.

· Tumi a onipa tumi si agyina sε ɔbεyε deε εtene nko ara berε biara. (1Pet 1:16)

· Dwene a onipa tumi dwene. Abɔdeε mu nyinaa, nipa ne Onyankopɔn nko ara na wɔtumi tie asεm, dwene ho na wɔfiri mu tu anamɔn. (Adam dii kan daa saa su yi adi berε a Onyankopɔn maa no kwan sε ɔntoto abɔdeε din no)

· Honhom mu tebea: Onyankopɔn yε honhom; onipa nso yε honhom a ɔte nipadua mu (1Kor 2:11).

· Onipa tena ase daa: Onipa biara wɔ ɔkra a ɔntumi nsεe da.

· Onipa wɔ atenka tesε Onyankopɔn. Nipa tumi nu ne ho, (Gen 6:6) ne bo tumi fu, (Ex15:7) ɔtwe ninkunu (Ex 20:5) ɔdɔ. (Yoh 3:16)

NSUSUHO:

· Nsonoeε bεn na εda nipa ne mmoa ntam?

· Kwan bεn ho na nipa fa so a, ɔbεtumi asε Onyankopɔn kεse?



NNAWƆTWE 2

DEƐN NTI NA ONYANKOPƆN BƆƆ NIPA SƐ NE SƐSO ?




NNIANIM

Kristofoɔ bi kyerεkyerε sε Onyankopɔn bɔɔ onipa sεdeε ɔbεnya obi ne no afa yɔnkoɔ efiri sε Onyankopɔn yε ankonam a ɔhia obi a ɔne no bεdi nkutaho. Deε Bible ka no wɔ saa asεm yi ho ne sε Onyankopɔn bɔɔ onipa maa n’animuonyam ne ne pε. (Yes 43: 7, Adiy 4:11)

· Onyankopɔn nhia obi a ɔbεgyegye n’ani efiri sε ɔyε Ɔdeneho Teasefoɔ.

· Onyankopɔn nnya mmɔɔ nipa no, na ayɔnkofa pa da ne nyamesu ahodoɔ mmieεnsa (Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron) no ntam, a wɔdi nkutaho berε biara ɔdɔ mu.

· Onipa asεdeε titire pa ara ne sε ɔbεsɔ Onyankopɔn ani, na wama Onyankopɔn animounyam ada adi berε biara.

· Yεyε agyidifoɔ yi, εsε sε biribiara a yεyɔ no, yεde da no ase de hyε no animuonyam, εfiri sε ɔno ne yεn bɔfoɔ, yεn wura ne yεn agyenkwa.

· Ɛnsε sε yε yɔ biribiara a εmfa animuonyam mmerε Awurade.

· Nnoɔma a εde animuonyam berε Awurade no bi nie:


v N’asεm ho setie.

v Yεbεda no ase berε biara.

v Yεbεgye no adie.

v Yεde yεn ho bεto ne so.

v Yεbεyε anokwafoɔ.

Ɛsε sε yεma yεn asetena botaeε yε sε, yεde deε yεyɔ, deε yεka ne deε yεsusuo nyinaa bεhyε Awurade animuonyam.



NSUSUHO

· Sε Onyankopɔn ammɔ yε sεdeε yεbεgyegye n’ani a, deε nti na ɔbɔɔ yεn?

· Sε yεka sε monyε adeε nyinaa nhyε Onyankopɔn animuonyam a, aseε ne sεn?

No comments:

Post a Comment

Followers