TEACHING AND LEARNING HOW TO READ AND WRITE IN TWI

Saturday, June 6, 2020

COVID BERƐ ASƆREYƐ HO NHYEHYƐEƐ

Monyi Nyankopɔn ayɛ!

Twerɛ Kronkron tu yɛn fo sɛ,
"Na mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu, sɛdeɛ ebinom yɛ no, na mmom momma yɛntutu yɛn ho yɛn ho fo, berɛ dodoɔ a mohunu sɛ Ɛda no rebɛn." Hebrifoɔ 10:25

Wɔ saa kwan yi so ne akwankyerɛ a Ɔmanpanin ne Asɔre yi Titenani Eric Nyamekye (Ɔsomafoɔ) de ato dwa nti, bɔ mmɔden sɛ wobɛdi saa ahobammɔ ho nhyehyɛeɛ yi so wɔ berɛ a morehyia sɛ afiafie mu adesua  kuo no:

1. Afiafie mu adesua kuo akannifoɔ nhwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ekuo no mu no mmoro 15 sɛdeɛ ɛne honhom a ɛtaa Otitenani akwankyerɛ no akyi no bɛkɔ bɛnkorɔ mu. Wɔbɛtumi akyɛ ekuo a ɛmu nnipa dɔɔso no mu ama ayɛ nketewa. 

2. Wɔ nkonnwa hyehyɛ ne yɛn ho yɛn ho nkutahodie mu no, hwɛ sɛ wobɛtete mo mu bɛyɛ abasafa baako (anamon 3) (1 metre or 3 feet). 

3. Ɛnsɛ sɛ wɔkyea nsam anaa wɔyɛ atuu koraa. Sɛdeɛ woadi kan akyerɛ dada no, wɔbɛtumi afa kwan foforɔ a ɛdi mu so akyea.  

4. Yɛhwehwɛ sɛ ekuo nhyiamubea biara bɛhwɛ sɛ ansa na obiara bɛba nhyiamu no, na ɔde aduro a ɛkum mmoawa mmoawa (hand sanitizer) anaa nsuo a ɛreguo ne samina ahohoro ne nsa.

5. Yɛhyɛ asɔre mma a wɔyare a ne titire yɛ ɛwa, ahoɔhyeɛ na wɔhome a ɛnsisi soɔ no sɛ wɔntena efie na wɔnnye ayaresa. Wɔbɛtumi nso abɔ ekuo no akannifoɔ no amaneɛ.

6. Yɛhwehwɛ sɛ wɔn a wɔkan ntotosoɔ du du ne afɔrebɔ no bɛhyɛ *gloves* wɔ wɔn nsa ho. 

7. Baabi a ɛpono da ahyiayɛbea no ano no, nipa baako nnyina ɛkwan no ano na ɔnhyɛ *gloves* mfa mmuebue ɛpono no mma wɔn a wɔreba nhyiamu no nyinaa sɛdeɛ nnipa bebree mfa wɔn  nsa nkeka ɛpono no nsa no ho. 

8. Afiafie mu adesua kuo akannifoɔ bɛtumi de ahobammɔ pa ho nhyehyɛeɛ agu akwan mu de abɔ ekuo mma no ho ban wɔ wɔn nhyiamu mu. 

Ɔdofoɔ, "Monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa! Yesaia 35:4

Awurade mfa saa mmerɛ yi mu nto yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ Ne mu no mu ne yɛn ho yɛn ho ayɔnko fa mu.  

Onyankopɔn nhyira wo!

Followers